Monday 13 June 2016

LYRICS: Sarkodie – Wofa Kwame

  adaawa       Monday 13 June 2016
LYRICS: Sarkodie – Wofa Kwame




Artiste : Sarkodie
Song Lyrics : Wofa Kwame

INTRO – (SARKODIE)
Hmm! asefem
Nsɛmpii, ɛna me pɛ sɛ me ka
Tie!, deɛ di kan
Me serɛ montie
Listen, tie

VERSE 1 – (Sarkodie)
Papa bi a yɛferɛ no Wofa Kwame pɛ sɛ otu kwan
Na Wofa Kwame dayɛ so a’a ne sɛ
Dabi ɔbɛ nya bi aba fie na wapɛ bi asi dan
Nafɛ foɔ a ɔne ɔmo bɔɔ bra
Wɔ Akyem Agogo, emu fa naa adi kan
Ɔne ne yere Maa Julie ne ne ba Josephine
Abɛtena Community 4 aban
Ɛno nso soa ɔmo hire
Ne yere kɔ kwan so
Togo nanso nfasoɔ no swa
Na bosome rente koraa yɛ sɛn?
Ɔbɛtua awie na neba nso kɔ twerɛ paper
Naso hyeɛ no wo bɔ naba so koraa na nebo afu
Ɔse Nyame bɛtua woka
Nadwen ayɛ no Visa Visa
Nti ɔso dayɛ koraa na w’akam, agyei afa!
So ɔbɛ sore na wada
Ɔhyɛɛ aseɛ German Embassy ɛhɔ yɛ bounce no ten
Belgium ‘cos ne wofaase bi wɔ Ghent
Ya odi yaw sɛ ne family ne friends
Obia’a ntumi mmano nte wiemuhyɛn scent
Application form nkoaa w’afille
Yɛkabom a nka watwerɛ ɔnoaa ne book
Embassy bia’a w’awura mu pɛn
Nti yɛhu nanim a, na ya ma no akonwa ne juice
Asefem, wapaaba na monhu no mɔbɔ
Na sesei a’a deɛ ɔse onya Lome koraa ɔbɛ kɔ
Wo kɔ ne fie a, ɛnwom a ɔpɛ paa ne “Aposor”
Ne passport, stamp ayɛ mu ma sei twɔ!
Sesei a nanim agu ɛkorɔ
Ɔndware nti nantemu aporɔaporɔ
Yɛbɛ gyegye ntoboa de n’akɔ Dubai
Nyɛ saa ɔbɛ wu ansa na afe n’akɔ aporɔ

CHORUS – (Sarkodie)
Nti no, Wofa Kwame abrɛ
Ɔnka no sɛn koraa ansa na mo ate aseɛ
Ɔnni abusua bia’a na w’awu adi adeɛ
Nti ɔde bɛfa soro anfa a ɔde bɛfa aseɛ
Hmm! mese Wofa Kwame abrɛ
Ɔnka no sɛn koraa ansa na mo ate aseɛ
Ɔnni abusua bia’a na w’awu adi adeɛ
Nti ɔde bɛfa soro anfa a ɔde bɛfa aseɛ
Ah! ɛyɛ nsɛm pii

HOOK – (Sarkodie)
Ɛnɛ nsɛm no makyekyere no bɔtɔ, bɔkɔɔɔ
Wofa Kwame deɛ na abɛsene no
Na me a’a menso masɛm a mete ho
Na me bɛka yi, tie

VERSE 2 – (Sarkodie)
Ɔbaa bi ama m’abrɛ wiase
Wateetee meaa sɛ wohwehwɛ mea gya kwankwaa nuase
Sɛ nsukɔm watwi afa me so, ɔbɛ tumi aba m’ayie ase
Hwɛ mate sika aware neɛ ɔbɛku me, sesei koraa manim agu ase
Ɔmpɛ masɛm, na wonhwɛ nani ase
Wama m’asi metiri ase
Aduane abɔ me
Ayaase kɔm, ɔno a ɔnkɔ asɔre
Metenaa me baabi koraa nka meho atɔ me
Ɔndɔme nanka mpɛsɛ obi adɔ me
Mennyɛɛ obia’a bɔne
Ɔyɛ ɔdomfo kumfo
Abusua, montu ne fo
Sɛ bɔne bi na m’ayɛ mpo a
Nka mede kotodwe na bɛpa w’akyɛw
Maamle, wonko menko
Obi mmɛ gye me meewu
Maame kaa yɛ o, Kwesi kaa yɛ oo
Ɔbaa wo kɔ ware no me dayɛ mu ɔbaa yɛ oo
Ɔbaa yɛ bɛkuu wo na w’ayie no ɔsaa yɛ oo
Mantie afotuo, makɔ tua ho payoo
Madi ahoɔfɛ akyi akɔ fa crocodile
Mabɛn me wuo ɔsɔfo prophesy
Neɛ m’ayɛ no na sɛ ɔbɛ kai
Me a meyere me suro sene kakai

CHORUS – (Sarkodie)
But tie Wofa Kwame abrɛ
Ɔnka no sɛn koraa na mo ate aseɛ
Ɔnni abusua bia’a na w’awu adi adeɛ
Nti ɔde bɛfa soro anfa a ɔde bɛfa aseɛ
Joo! mese Wofa Kwame abrɛ
Ɔnka no sɛn koraa ansa na mo ate aseɛ
Ɔnni abusua bia’a na w’awu adi adeɛ
Nti ɔde bɛfa soro anfa a ɔde bɛfa aseɛ
Now!                                                         sarkodie wofa kwame lyrics
logoblog

Thanks for reading LYRICS: Sarkodie – Wofa Kwame

Previous
« Prev Post
close